Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:12
20 Iomraidhean Croise  

Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.


Meduruu Yerusalem nnansa akyi no,


Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.


Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.


Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; na to Yerusalem afasuo.


Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.


adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ, kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,


“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.


Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da.


Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.


Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.


“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.


Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim,


Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi.


Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu.


Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma.


Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a.


Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan