Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:9 - Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei mehyɛɛ sɛ, wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na mekae sɛ wonnwira mpia no mu, na mede Onyankopɔn fi nneɛma no mesan mebaa hɔ bio, aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:9
5 Iomraidhean Croise  

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ.


“Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase.


Wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ no yɛeɛ.


Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan