Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔdeɛ no yɛ Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:5
9 Iomraidhean Croise  

Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ.


Wɔbɔɔ nnua dwumfoɔ ne adansifoɔ paa, tɔɔ aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie afasuo no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsamsoɔ ne mpunan. Wɔsiesiee deɛ anka Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no rema asɛe no.


“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.


“Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase.


Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan no mu.


Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.


Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no,


Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan