Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yuda nyinaa de awi ne nsa ne ngo ntotoso du du bae beguu akorade no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:12
9 Iomraidhean Croise  

Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu.


Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ.


Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.


“ ‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.


Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


“Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’ “Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu.


Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan