Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:11 - Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofo no nkyɛn, kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na moayi mo ani afi Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifo no nyinaa ma wɔsan bae, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mise: Ɛdɛn nti na wɔagyaw Onyankopɔn fi yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn misisii wɔn dibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:11
8 Iomraidhean Croise  

Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu. “Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.”


Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?


Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ.


Suro a mesuro nnipadɔm ne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no enti meyɛɛ komm a mamfiri adi?


Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.


Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan