Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa si ahanan aduosia awotwe, wɔyɛ mmarima akokodurufo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:6
5 Iomraidhean Croise  

Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.


Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ.


Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.


Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;


Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan