Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuo mu nnipa no nie: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuw mu nnipa no ni: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yerusalem de, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ofi Peres mma no mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:4
7 Iomraidhean Croise  

Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.


Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,


Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.


Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram.


Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda;


Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie: Peres woo Hesron.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan