Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:3
14 Iomraidhean Croise  

Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.


Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,


Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.


Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ.


nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuo mu nnipa no nie: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;


Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973


Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74


Asɔredan mu asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,


Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.


Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:


Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan