Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:1
21 Iomraidhean Croise  

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.


Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.


Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.


Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.


Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ:


“Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.


Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan (284) na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu.


Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu.


Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no.


Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.


Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ, nanso ne gyinasie biara firi Awurade.


mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din.


Nyane, nyane, Ao Sion, hyɛ ahoɔden aduradeɛ no. Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapono mu bio.


Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.


Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,


Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,


Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.


Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan