1 Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia,
Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so.
Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).
Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.
Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ. Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu.