Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:7
24 Iomraidhean Croise  

na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.


Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti.


Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.


Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so.


Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.


sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,


ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;


Aa, amumuyɛ ɔman, ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma, nnebɔneyɛfoɔ kuo, mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho; Wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.


Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti.


Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan.


Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.


Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.


Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.


“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.


Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ.


Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo.


Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so.


Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no,


ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan