Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekae se, “Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:5
18 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛnni awieeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛdeɛ nso.


Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn.


Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie: Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.


Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,


Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.”


Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.


“Afei, yɛn Onyankopɔn, ɔkɛseɛ, otumfoɔ ne ɔnwanwani Onyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛeɛ no ɔmmu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛseɛ aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne yɛn agyanom so, firi ɛberɛ a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de bɛsi saa ɛberɛ yi.


Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!


Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,


Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa, na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.


Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.


Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.


Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.


Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, Awurade, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so.


Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa.


Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan