Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Me nuanom mmarima mu baako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wɔfiri Yuda ba bɛsraa me. Mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔatumi atena nnommumfa mu no ho asɛm ne sɛdeɛ nsɛm rekɔ so wɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Hanani, me nuanom mu baako, ne mmarima bi a wɔfiri Yuda bae. Na mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔfirii mu firiiɛ, a wɔkaa nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Me nuanom mmarima mu ɔbaako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wofi Yuda ba bɛsraa me. Mibisaa wɔn Yudafo a nkae ne wɔn a wɔafi nnommum mu aba no ne Yerusalem ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Hanani, me nuanom mu baako, ne mmarima bi a wɔfiri Yuda bae. Na mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔfirii mu firiiɛ, a wɔkaa nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Hanani, me nuanom mu biako, ne mmarima bi a wofi Yuda bae. Na mibisaa wɔn Yudafo a wofii mu a wɔkae nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:2
12 Iomraidhean Croise  

Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so.


Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so.


Na awɛmfoɔ so panin no maa mmɔborɔfoɔ no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ a ɛka ho no so.


Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre.


Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.


Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.”


Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti.


Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan