Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ.
Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da.
Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da.
Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.