Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:8
7 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho.


Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi.


Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru.


Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase.


Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no.


Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan