Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:7
11 Iomraidhean Croise  

na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.


Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ.


Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no.


Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.


Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.


Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so.


Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.


Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,


Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu.


Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan