Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho.


Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.


na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”


Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.


Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene.


Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no.


de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.


Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.


Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no.


Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa?


Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.


Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.


Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,


Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho.


Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan