Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:5
13 Iomraidhean Croise  

Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ, wɔne animuonyamfoɔ a mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.


Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.


Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.


Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi.


Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.


Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no,


Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no.


Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ.


Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.


Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan