Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa me koma no asan aba wo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:12
10 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa.


Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ.


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.


Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.


Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.


Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da,”


Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.


Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan