Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:1
18 Iomraidhean Croise  

Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.


Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.


Krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Mede saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:


Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no.


Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.


Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.


Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.


Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:


Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo ɔsomafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn.


Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.


Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,


Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.


Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den,


Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfoɔ no:


Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.


Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.


Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.


nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan