Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfoɔ no twee wɔn ho firii ananafoɔ nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:2
24 Iomraidhean Croise  

Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’


Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”


Nnipa a wɔwɔ Israel a wofi nnommum mu aba no ne nnipa no nkae a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadan afi wɔn amumɔyɛ akwan ho abɛsom Awurade, Israel Nyankopɔn, no na wodii twam aduan no.


Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi.


Awurade, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.”


Na Israelfo mmarima ware fi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom fi wɔn mu, ma wɔn mmabarima. Enti ananafo aware no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, mpanyimfo ne ntuanofo no koraa na wodi ho fɔ kɛse.”


tie me mpaebɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne!


“Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no,


wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.


Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase.


Enti miguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma.


Gye me na yi me fi ananafo nsam, wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.


Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; gye me na yi me fi nsu akɛse ho, fi ananafo nsam,


Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.


Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.


Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ ne yɛn agyanom afɔdi to mu; nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.


Gye wo afɔdi to mu, woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua, woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame wɔ dua biara a adennan ase, na woanyɛ osetie amma me,’ ” sɛnea Awurade se ni.


Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no,


Wɔanni Awurade nokware. Wɔwowoo aguaman mma. Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a, ɔbɛsɛe wɔn nsase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan