Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:1
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan.


Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn.


Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima


Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.


Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo Awurade mmara no. Ɔkyerɛw se:


Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so.


Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.


Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho.


ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.


Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu.


Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea wɔ Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no.


Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.


Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa Awurade anim.


“Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.


Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”


“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.


“Kyerɛwsɛm no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.


Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa bi afi nkurow so akɔ nkurow so.


Israelfo nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.


Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.


Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan