Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:3
8 Iomraidhean Croise  

Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no.


Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.


Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.


Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu.


Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.


ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den, na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.


“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan