Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:2
21 Iomraidhean Croise  

Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa.


Israel Nyankopɔn kasae. Israel botan ka kyerɛɛ me se: ‘Onipa a odi hene trenee mu, na ɔde Onyamesuro di hene no,


Minnim baabi a sɛ migyaw wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagyaw wo akosi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhu wo a, obekum me. Nanso me, wo somfo, masom Awurade fi me mmofraase.


Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfi so no. Na Obadia gye Awurade di yiye.


Me nuanom mmarima mu ɔbaako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wofi Yuda ba bɛsraa me. Mibisaa wɔn Yudafo a nkae ne wɔn a wɔafi nnommum mu aba no ne Yerusalem ho asɛm.


Hosea, Hanania, Hasub,


Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no.


Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.


Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia (460) ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so.


Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”


Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.


Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so na me ne wɔn atena; nea ne nantew ho nni asɛm no ɔno na ɔbɛsom me.


Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo.


Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho. Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.


“Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?


“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’


Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware.


Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan