Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:2
11 Iomraidhean Croise  

Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.


Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”


Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.


Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”


Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”


Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.”


Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.”


Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.


Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan