Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ baako sɛ wɔrebɛne Yerusalem ako, na wɔayɛ no sakasaka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ baako sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, na wɔayɛ no sakasaka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ biako sɛ wɔreba ne Yerusalem abɛko, na wɔayɛ no sakasaka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:8
11 Iomraidhean Croise  

Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”


“Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa.


Afei, mekae se, “Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no,


Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.


Mete asomsɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi no atɔ ne so were.”


“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu.


Na meka kyerɛɛ mo se, “Mommɔ hu, munnsuro wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan