Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:7
29 Iomraidhean Croise  

Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”


Na Awurade somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea Awurade nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no.


Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa.


Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.


Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”


Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw,


Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden.


Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.


Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.


ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);


Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.


Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.


Mɛsɛe Asdod hene no ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. Mɛdan me nsa atia Ekron, kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.


Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”


Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no.


Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no.


Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan