Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na yɛtoo ɔfasu no, na wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fa so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:6
13 Iomraidhean Croise  

“Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no.


Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho.


Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.


Mmu wʼani ngu wɔn afɔdi so. Mpepa wɔn bɔne, efisɛ wɔahyɛ wo abufuw wɔ adansifo yi anim.”


Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.


Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu.


Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema.


Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.


Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase,


efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.


Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan