Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, “Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:2
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho.


Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no.


Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.


Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”


Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu.


Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”


“Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: “ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw. Na Yerusalem bɛyɛ mmubui na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’


“Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘Awurade apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.


“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu.


Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me. Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so. Yɛn mmere yi mu, ma wonhu. Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.


Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim.


“Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. “(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”


Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan