Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yudafo a wɔtete wɔn ho no fi nkurow no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mpɛn du sɛ wɔrepam yɛn ho apammɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:12
7 Iomraidhean Croise  

Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du.


nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne.


Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.”


Enti mede awɛmfo a wokura akode kɔtenaa baabi a ɔfasu no yɛ tia, wɔ mmeaemmeae a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuw no gyinagyinaa sɛ awɛmfo a, wokurakura afoa, mpeaw ne agyan.


Mpɛn du ni a moasopa me; mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.


Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du.


saa nnipa yi a wohuu mʼanuonyam ne anwonwade a meyɛɛ wɔ Misraim ne sare so no nanso wɔyɛɛ asoɔden de sɔɔ me hwɛɛ mpɛn du no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan