Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:1
13 Iomraidhean Croise  

Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim.


Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”


Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu.


Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.


Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade.”


Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no.


na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.”


Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.


Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan