Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:5 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn amɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn ammɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:5
17 Iomraidhean Croise  

Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree.


Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,


Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok.


Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu.


Mede saa nkra koro no ara kɔmaa Yudahene Sedekia se, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene konnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfo na mubenya nkwa.


Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamdua ne nkyehama yɛ konnua sɛn wo kɔn mu.


“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahenni bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne konnua ase a, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kosi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ose.


“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa! Munguan mfi Yerusalem! Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa! Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam, ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.


Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.


Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.


Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?


Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso.


‘Nnome nka Merosfo,’ Awurade bɔfo na ose. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn efisɛ wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofo ahoɔdenfo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan