Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:3
11 Iomraidhean Croise  

Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.


Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630


afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.


Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok.


Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu.


Bere a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfo nkae no huu sɛ masiesie ɔfasu no awie a ɔkwan biara nneda ntam; nanso saa bere no na minsisii apon no,


Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.


ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den, na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.


“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Osu befi Mpataa Pon ano, agyaadwotwa befi Atenae Foforo na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan