Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:1
19 Iomraidhean Croise  

Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,


Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso.


afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.


Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim.


Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no,


Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.


Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.


Bere a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfo nkae no huu sɛ masiesie ɔfasu no awie a ɔkwan biara nneda ntam; nanso saa bere no na minsisii apon no,


Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.


Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.


Nantew Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodow,


hu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛteɛ wʼakwan.


Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam, ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;


“Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon.


“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu.


Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea.


Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia.


Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan