Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:6
9 Iomraidhean Croise  

Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.” Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.


Saa bere no, na minni Yerusalem. Na masan kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahenni afe a ɛto so aduasa abien so. Akyiri no na ɔmaa me kwan sɛ mensan mmra.


Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?” Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”


Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da.


Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no, na wɔato fapem a akyɛ no; wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no, Nea Ogye Atenae Si Hɔ.


Wobesi tete mmubui no bio, na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo nea asɛe awo ntoatoaso bebree no.


Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me. Bere a wogu so rekasa no metie.


“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan