Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:3
21 Iomraidhean Croise  

Na Batseba san kotow no bio, na ɔteɛɛ mu se, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”


Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem.


Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Owui no, anyɛ obiara awerɛhow. Wosiee no wɔ Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehye asiei.


Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene.


Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene.


Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.


Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”


Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no.


Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?”


Nʼabo som bo ma wʼasomfo; ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.


Amanaman no besuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.


Sɛ mankae wo a, ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom sɛ mamfa Yerusalem sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a.


Mʼakyi dompe mu yaw boro so: ahoɔden biara nni me nipadua mu.


Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem.


Nʼapon amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu a efi Awurade hɔ bio.


Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.”


Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa!


Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so!


Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so!


Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan