Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:12
20 Iomraidhean Croise  

Ayeyi nka Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.


Miduu Yerusalem nnansa akyi no,


Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no.


Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.


Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu; na woasi Yerusalem afasu.


Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.


ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere, kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,


“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,” Awurade na ose. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na makyerɛw wɔ wɔn koma so. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.


Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da.


Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu, efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.


Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.


“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.


Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim,


Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama anigye a mewɔ wɔ mo ho no bi awura Tito koma mu.


Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu.


Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma.


Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a.


Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan