Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:1
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab.


Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”


Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, “Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!”


Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.


Wɔkenkan Awurade, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom Awurade, wɔn Nyankopɔn.


Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan: Eyinom mu biara renyera, obiara benya nea ɔka ne ho. Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.


Nea ɛfa Moab ho: Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa; wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.


Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.


somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se, “Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me.


Yesu nso bisaa no se, “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”


Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”


Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan