Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:9 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:9
28 Iomraidhean Croise  

na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a,


Awurade ka kyerɛɛ no se: “Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.


Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurusi akamfo wo.”


Onyankopɔn a wayi Yerusalem kurow sɛ beae a wɔnhyɛ ne din anuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wobebu ne mmara so, asɛe asɔredan no. Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfo ntie no aso pa mu.


Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.


wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no, efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.


Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommum ano.


Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano; Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano afi asase ntwea anan no so.


Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.


Otumfo Awurade, nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se: “Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”


Na sɛ mitu wɔn wie a, mehu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapade, ne nʼasase so.


“Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion.


“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman; mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se, ‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’


Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu.


Sɛnea Awurade se ni: “Monhwɛ, nsraadɔm bi reba, wofi atifi fam asase so; wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.


“Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no!


“ ‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so.


“ ‘Sɛ mudi me mmara no nyinaa so a,


Nea Asafo Awurade se ni: “Megye me nkurɔfo afi aman a ɛwɔ apuei ne atɔe no so.


Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.


Sɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a Awurade de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no.


Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.


Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so, na mode hyɛ mo koma mu wɔ baabiara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛfa mo akɔ, wɔ aman no mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan