Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:7
24 Iomraidhean Croise  

na yɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.


Nanso wankunkum awudifo no mma, efisɛ otiee Awurade ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no se: Ɛnsɛ sɛ wokunkum awofo wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti, anaa wokunkum mma wɔ awofo bɔne a wɔayɛ nti. Wɔn a wɔsɛ owu no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn nnebɔne nti.


Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.


Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so.


Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.


sɛ wobu mʼahyɛde so na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,


ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;


Nnome nka, amumɔyɛ man, ɔman a wɔn afɔdi so, nnebɔneyɛfo kuw, mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho; wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.


Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo. “Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti.


Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan.


Wɔadu porɔwee bun mu, sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.


Eyinom ne ahyɛde a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no.


Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, ‘ampa ara wubesuro me na woagye nteɛso ato mu!’ Na afei ne tenabea rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma no so. Nanso wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.


“Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.


Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ.


Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo.


Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: Israel, muntie, mmara ne ahyɛde a mede rema mo nnɛ no. Munsua na munni so.


Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so,


efisɛ nʼatemmu yɛ nokware, na eye sɛ obuu oguamanfo kɛse a ɔde nʼaguamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso, efisɛ okum nʼasomfo.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan