Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 tie me mpaebɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpae a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfo, ne ɔka a mereka Israelfo bɔne a yɛayɛ wo no; na me nso ne m’agya fi ayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:6
34 Iomraidhean Croise  

Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae wɔ beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ.


Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’


Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn?


Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no.


“Afei me Nyankopɔn, bue wʼaniwa na wɛn wʼaso tie mpae a wɔbɔ wɔ ha no nyinaa.


Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.


Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”


Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.” Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.


Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.


Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.


Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ.


Afei, migyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumɔyɛ so. Mekae se, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.


Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ;


Anwummere, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.


Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.


Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”


Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio, na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.


“Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso.


Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no,


Mebɔɔ Awurade me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se: “Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so.


Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde.


Awurade, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo.


Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?


Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.


Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so.


Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia.


Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.


“Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan