Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:5 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekae se, “Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:5
18 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛde nso.


Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no.


Sɛnea Persiahene Kores ka ni: Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.


Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?” Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


Mehwɛɛ sɛnea nneɛma te no, mefrɛɛ ntuanofo no ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro atamfo no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afi.”


Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.


“Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi.


Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!


Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm,


Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa, na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.


Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.


Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.


nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.


Sɛ mutie mmara yi na mudi ne nyinaa so nokware mu a, Awurade, mo Nyankopɔn no, nso bedi nʼapam a ofi ne nokware dɔ mu ne mo agyanom pamee no so.


Munnsuro saa aman no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwonwa no wɔ mo afa.


Enti munhu sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a odi wɔn a wɔdɔ no na wodi nʼahyɛde so no dɔ apam so kosi awo ntoatoaso apem so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan