Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:10
17 Iomraidhean Croise  

Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu. Nʼadɔe wɔ hɔ daa.


Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no, Bepɔw Sion, faako a wote hɔ.


Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee; adɔe ne nokwaredi di wʼanim.


“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim.


Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”


Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa.


Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim.


Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim. Wʼayamye mu, wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim. Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.


Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi?


Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”


“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.


Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.


Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.


Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.


Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan