Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.


Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no.


Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”


Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.


Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu.


Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana?


Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no.


Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.


na ne kokoamsɛm bɛda adi, na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne se, “Nokware ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”


Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho.


Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,


Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.


Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.


de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.


Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan