Yuda 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no: 2 Mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ mmoroso nka mo. Kristofo gyidi ho pere 3 Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho. 4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no. Atoro akyerɛkyerɛfo atemmu 5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahu eyi prɛko dedaw sɛ: Awurade gyee ɔman no fii Misraim asase so no, akyiri no, ɔsɛee wɔn a wonnye nni no. 6 Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu. 7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe. 8 Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne. 9 Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim! 10 Na eyinom de, wɔka nea wonnim no ho nsɛmmɔne, na nea wofi wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wonni adwene no, ɛno mu na wogu wɔn ho fi. 11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu. 12 Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu, 13 po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa. 14 Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba 15 abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho. 16 Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa. Kɔkɔbɔ ne afotu ahorow 17 Na mo, adɔfo de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no, 18 sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛbere a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bɛba a wobedi wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi. 19 Eyinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyidifo a wonni Honhom no. 20 Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu 21 mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu. 22 Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, 23 ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan nipasu a ɛte sɛ atade a nkekae akeka mu nso. Nhyira nsɛm 24 Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, 25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana