Yosua 9 - KYERƐW KRONKRONGibeonfo ne Yosua yɛ apam 1 Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no, 2 wobehyia boaa wɔn ho ano yɛɛ nokoro sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko. 3 Na Gibeonfo tee nea Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no, 4 wɔn de, wodii no nyansam, na wɔkɔpɛɛ akwansoduan, na wɔfaa mmɔtɔ adedaw de soasoaa wɔn mfurum, ne nsa nkotoku adedaw a asunsuane na wɔapompam. 5 Na wɔde mpaboa adedaw a wɔasesa kyekyeree wɔn anan, na wɔhyehyɛɛ ntade agowagow, na wɔn akwansoduan nyinaa akyenkyen na agye ntuw. 6 Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. 7 Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam? 8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi? 9 Na wose: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asase bi so aba, efisɛ yɛate ne nka ne nea ɔyɛe Misraim nyinaa, 10 ne nea ɔyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbonhene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no. 11 Na yɛn mpanyimfo ne yɛn asase no sofo nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduan na monkɔ nkohyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. 12 Yɛn abodoo ni, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no ɔhyew de fii yɛn afi mu, sɛ yɛrebedi ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na agye ntuw. 13 Na nsa nkotoku yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforo no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware nti yɛn ntade ne yɛn mpaboa yi asusuw. 14 Na mmarima no faa wɔn akwansoduan no bi, na AWURADE anom asɛm de, wɔammisa. 15 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam. 16 Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyi nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu. 17 Na Israelfo no tui, na wɔkɔtoo wɔn nkurow da a ɛto so abiɛsa no; na wɔn nkurow ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim. 18 Na Israelfo no ankum wɔn, efisɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ mmapɔmma no. 19 Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn. 20 Eyi na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuw amma yɛn so; 21 na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafo ne nsusawfo mma asafo no nyinaa, sɛnea mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no. 22 Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na modaadaa yɛn kae sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, na mote yɛn mu yi? 23 Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafo ne nsusawfo a wɔbɛyɛ adwuma ama me Nyankopɔn fi no befi daa. 24 Na wobuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofo nyinaa mfi mo anim, na mo nti yesuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yedii saa asɛm yi. 25 Na afei, yɛn ni, yɛwɔ wo nsam, nea eye na ɛteɛ w’ani so a wobɛyɛ yɛn no, yɛ! 26 Na ɔyɛɛ wɔn sa, na oyii wɔn fii Israelfo no nsam, na wɔankum wɔn. 27 Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no wɔ faako a ɔbɛpaw, na saa na wɔyɛe ara, de besi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana