Yosua 7 - KYERƐW KRONKRONWokum Israelfo wɔ Ai. Wokum Akan 1 Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo 2 Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai. 3 Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua. 4 Na ɔman no mu bɛyɛ sɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim. 5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa wɔn fii Ai kurow pon no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn nsianee no mu. Na ɔman no suroe, na wɔn abasa mu tui. 6 Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi. 7 Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara. 8 Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka? 9 Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no? 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, ɛdɛn nti na wode w’anim abutuw fam sɛɛ yi? 11 Israel ayɛ bɔne, na wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyirade no bi nso, na wɔabɔ korɔn nso, na wɔasiw so nso, na wɔde asie wɔn ade mu nso. 12 Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu. 13 Sɔre tew ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ahyirade wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kosi sɛ mubeyi ahyirade no afi mo mu. 14 Enti anɔpa, wɔmfa mo ntwiw mmɛn mmusuakuw mmusuakuw. Na abusuakuw a AWURADE bɛkyerɛ no, wontwiw mmɛn mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwiw mmɛn afi afi, na ofi a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwiw mmɛn mmiako mmiako. 15 Na nea wɔbɛkyere no ahyirade no so no, wɔmfa ogya nhyew no ne nea ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseade Israel mu. 16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel twiw bɛnee abusuakuw abusuakuw; na wɔkyeree Yuda abusuakuw. 17 Na ɔde Yuda mmusua twiw bɛnee, na wɔkyeree Serahfo abusua. Na ɔde Serahfo abusua mu mmarima twiw bɛnee mmiako mmiako, na wɔkyeree Sabdi. 18 Na ɔde ne fi mmarima twiw bɛnee mmiako mmiako, na wɔkyeree Serah ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu. 19 Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so. 20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokware, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛe. 21 Mihuu asade no mu Sinear nguguso fɛfɛ bi, ne dwetɛ nnwetɛbona ahanu, ne sika nnaame biako a ano si nnwetɛbona aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam, me ntamadan mu, na dwetɛ no wɔ ase. 22 Ɛnna Yosua somaa abɔfo, na wɔde mmirika kɔɔ ntamadan no mu, na hwɛ, ɛhyɛ ne ntamadan no mu, na dwetɛ no hyɛ ase. 23 Na woyi fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa, na wɔde beguu AWURADE anim. 24 Ɛnna Yosua faa Serah ba Akan, ne dwetɛ ne nguguso ne sika nnaame no, ne ne mmammarima ne ne mmabea, ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan, ne ne ntamadan ne nea ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka no ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bon mu. 25 Na Yosua kae sɛ: Ɛdɛn na woahaw yɛn sɛɛ yi? AWURADE nso bɛhaw wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa siw no abo, na wɔde ogya hyew wɔn, na wɔde abo guu wɔn so. 26 Na wɔhɔree no so abosiw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ ara. Na AWURADE dan fii n’abufuhyew no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bon de besi nnɛ ara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana