Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 18 - KYERƐW KRONKRON


Wɔkyekyɛ asase a aka no mu

1 Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.

2 Na aka Israelfo mu mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ agyapade mmaa wɔn.

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

4 Muntu abusuakuw biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkokyin asase no so, na wɔnkyerɛw ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade, na wɔmmra me nkyɛn.

5 Na monkyekyɛ mu nkyekyem ason. Yuda nnyina ne hye so nifa fam, na Yosef fi nnyina wɔn hye so benkum fam.

6 Na monkyerɛw asase no nkyekyem ason no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

7 Na Lewifo de wɔrenya mo mu kyɛfa bi, efisɛ AWURADE asɔfodi no ne wɔn agyapade; na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn agyapade, Yordan agya apuei a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.

8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔe; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔkyerɛw asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkokyin asase no so na monkyerɛw ho asɛm, na monsan mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

9 Na mmarima no siim kɔe kɔfaa asase no so, na wɔkyerɛw no sɛnea nkurow no tetee nkyekyem ason de hyɛɛ nhoma bi so, na wɔsan baa Yosua nkyɛn Silo nsra mu.

10 Na Yosua twee ntonto maa wɔn, AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfo sɛ wɔn nkyekyem te.

11 Na Benyaminfo abusuakuw ntonto bae sɛ wɔn mmusua te; na wɔn ntonto no hye fi Yuda mma ne Yosef mma ntam.

12 Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so.

13 Na ɔhye no fi hɔ sen fa nifa fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel nkyɛn mu, na ɔhye no sian kɔ Atarot-adar, bepɔw a ɛda anafo Bet-horon nifa fam no so.

14 Na ɔhye no hima na ɛkɔntɔn kɔ atɔe fam fa bepɔw a ɛda Bet-horon anim nifa fam no, na ano kodu Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim, Yudafo kurow bi. Atɔe fam de ne no.

15 Na nifa fam de fi Kiriat-yearim kurotia, na ɔhye no fi kɔ atɔe, na efi kɔ Neftoa asuti ho.

16 Na ɔhye no sian kɔ bepɔw a ɛda Hinom ba bon anim a ɛwɔ Refaim bon mu benkum fam no ano noho, na esian Hinom bon no kɔ Yebusifo nifa fam nkyɛn mu, na esian kɔ En-rogel ho.

17 Na ehima kɔ benkum fam, na efi kɔ En-semes, na efi kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoee no ntentenso, na esian kɔ Ruben ba Bohan bo no ho.

18 Na etwam fa benkum fam nkyɛn mu Araba ntentenso, na esian kɔ Araba.

19 Na ɔhye no twam kɔ Bet-hogla benkum fam nkyɛn mu, na ano kodu Nkyene-Po benkum fam dɔnnɔn no ho, Yordan nifa fam awiei. Eyi ne nifa fam hye.

20 Na Yordan ne n’apuei fam hye. Eyi ne Benyaminfo agyapade sɛ n’ahye te hyia sɛ wɔn mmusua te.

21 Na Benyaminfo abusuakuw, sɛ wɔn mmusua te no, nkurow ni: Yeriko, Bet-hogla ne Emek-kesis,

22 Bet-araba, Semaraim ne Betel,

23 Awim, Para ne Ofra,

24 Kefar-amonai, Ofni ne Geba: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa.

25 Gibeon, Rama ne Beerot,

26 Mispe, Kefira ne Mosa,

27 ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala,

28 ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan