Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 17 - KYERƐW KRONKRON


Manase kyɛfa

1 Na ntonto no yii Manase abusuakuw de, efisɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, efisɛ ɔyɛ dɔmmarima.

2 Na eyii Manase asefo a aka no de, sɛ wɔn mmusua te: Abieser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida asefo. Eyinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛ wɔn mmusua te.

3 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmabea na ɔwɔ. Na eyinom ne ne mmabea no din: Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

4 Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkae sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anom asɛm no so maa wɔn agyapade wɔn agya nuanom no mu.

5 Na Manase nkyekyem a onyae no si du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no.

6 Na Manase mmabea no nyaa agyapade ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkae no de.

7 Na Manase hye no fi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apuei no, na ɔhye no kɔ nifa, En-tapuafo no ho.

8 Tapua asase no yɛɛ Manase de, na Tapua kurow a ɛwɔ Manase hye so no yɛɛ Efraimfo de.

9 Na ɔhye no sian kɔ Kana subon no ho, subon no nifa. Ɛhɔ nkurow a ɛyɛ Manase nkurow no yɛɛ Efraim de. Na Manase hye no wɔ subon no benkum fam, na ano kɔka mpoano.

10 Nifa fam asase no yɛɛ Efraim de, na benkum fam de yɛɛ Manase de, na po no ne ɔhye. Na wɔne Aser bɔɔ ɔhye benkum fam, na wɔne Isakar bɔɔ apue fam.

11 Na nkurow a Manase nyae Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkurow, ne Yibleam ne ɛho nkurow, ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkurow, ne En-dorfo ne ɛho nkurow, ne Taanakfo ne ɛho nkurow, ne Megidofo ne ɛho nkurow, nkoko abiɛsa so amantow no.

12 Nanso Manase mma antumi antu nkurow no mufo, na Kanaanfo no pɛɛ asase no so tena.

13 Na Israelfo ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no maa ɔsom adwuma, yii tow, na mmom, otu de wɔantu wɔn korakora.


Yosef asefo nya kyɛfa foforo

14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Efi dɛn so na woma me agyapade ntonto biako ne susuhama biako? Na me de, meyɛ ɔman kɛse, efisɛ AWURADE ahyira me de abedu sesɛɛ.

15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛse a, foro kɔ kwae no mu kobu hɔ fa, Perisifo ne abran akɛse no asase so, efisɛ wonsen Efraim mmepɔw so.

16 Na Yosef asefo no kae sɛ: Bepɔw no nso yɛn, nso Kanaanfo a wɔte tataw mu hɔ nyinaa wɔ dade nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkurow mu ne wɔn a wɔte Yesreel bon no mu nyinaa.

17 Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fi, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛse ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛse, ɛnyɛ ntonto biako pɛ na wubenya,

18 na mmom bepɔw no nyɛ wo de; ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, kosi nea ano bɛka; na Kanaanfo no, sɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfo po a, wubetu wɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan