Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 16 - KYERƐW KRONKRON


Yosef ne Efraim asase no ahyɛde

1 Na nea ntonto no yi maa Yosef mma no fi Yeriko Yordan ano, Yeriko asu no apuei, sare a efi Yeriko foro kɔ Betel bepɔw so no;

2 na efi Betel de kɔ Lus, na etwam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot,

3 na esian kɔ atɔe, Yafletifo hye ho de kosi anafo Bet-horon hye so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.

4 Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapade.

5 Na Efraimfo hye, sɛ wɔn mmusua te, ni: Wɔn agyapade hye ne Atarot-adar apuei de kosi atifi wɔ Bet-horon;

6 na ɔhye no fi kɔ atɔe wɔ Mikmetat, benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ apuei wɔ Taanat-silo, na etwa ho kɔ Yanoa apuei,

7 na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

8 Ɔhye no fi Tapua kɔ atɔe kosi Kana subon mu, na ɛkɔpem mpoano. Eyi ne Efraimfo abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te;

9 ne nkurow a woyiyi maa Efraimfo wɔ Manasefo agyapade mu no, nkurow no nyinaa ne ɛho nkuraa.

10 Nanso wɔantu Kanaanfo a wɔte Geser no, na Kanaanfo no atena Efraim mu ayɛ nkoa de abesi nnɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan